Lyrics

Moahunu me nnɛ yi, momma yɛnyɛ nea yɛbɛyɛ biara Matumi aba wo nkyɛn na ɛsɛ, ma yɛmfa mmronsa nyɛ nsuo o, oh, ei Moate me nka nnɛ yi, momfa me nnwom nni mo mu ahurusie saa ara, ah Na makra mo, ebia na moanhu me biom da Moahunu me nnɛ yi, mo mma yɛnyɛ nea yɛbɛyɛ biara m'adɔfo yi Matumi aba wo nkyɛn nnɛ yi na ɛsɛ, ma yɛmfa mmronsa nyɛ nsuo o, oh-i Moate me nka nnɛ yi, momfa me nnwom nni mo mu ahurusie saa Nea mowɔ biara, na makramo Ebia na m'anhunu me biom da Afe sɛsɛɛ, mobɛdi ahyia no a Kwadwo eh, ebia na menka ho ao Ah-ah, ah, me ne mo redi nkra nnɛ ao Daddy Lumba ei, merekrakra mo o Yie ei, na ebia na mamma biom ah-eh Ah, me ne mo redi nkra nnɛ ao Owuo yɛ dea nka yɛwu ma a M'adɔfoɔ bi bɛwu abɛgye me Nso adeɛ no akɔyɛ Ɔbɔadeɛ, Wo nhyehyɛeɛ Adasamma deɛ yɛnni ho tumi biara Mekae a na m'ani ataetae nisuo Nti mede nkorɔfoɔ adepa yi paa rebɛwu akɔ kwa Me Nyame ei, sɛ nka ɛbɛtumi a na Agya ei Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ ao Ɛnyɛ nea mepɛ, Agya nea wopɛ ara na ɛnyɛ hɔ, Paapa ei Mese sɛ ɛbɛtumu deɛ a, nka ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ o, ao Nti mede amafoɔ adepa yi paa ɛrebɛwu akɔ Ɛ'awerɛho o Mframa a ɛbɔ a ɛporo ahoeɛ guo no Saa mframa korɔ no aa, sɛ ɛbɔ den a ahahan mono nso tumi te o, mmm Wiase yi sɛɛ dua wuyɛ bu o, saa ara na dua mono nso buo Enti, ah, makrakra mo o ebia na m'ahu me biom Yɛredi afehyia sei a ɛyɛ a na makae yaanom, ah Enti nansa nie, momma yɛn nyinaa ngye y'ani bi woate, ah Mekorɔ a merekɔ a, merekɔ a, merekɔ a, merekɔ nyinaa Ee na ebia na mamma biom, ah Merekrakra mo o Kwadwo eh, ei Owuo akyi deɛ ɛyɛ awerɛhoɔ o, nti na ama merete nisuo yi a Ɔbaatanpa rebɛwu ama efie gya adum, awerɛhoɔ mu ah Moba na sɛ mawu da hɔ a, ɛmma monsu mmma me Monsu mma mo ho ne mo mma Monsu mma nkyiri mma a mede wɔn agya hɔ no o Momma me brɛ yi nyɛ kwa Mo mma me wuo akyi yi nsesa Anyɛ saa a, me kra bɛdi awerɛhoɔ beberee, yaanom ei Mede me maame Ama Saah gyaa mo Ɔne abusuafoɔ yi a, ɛmma mo werɛ nfiri Akosua Serwaa da o, na wabrɛ Ah, Kwaku Pɔn wo ne me mma nyinaa Mmm, Faustina Fosu ei, ne Akosua Brempomaa o Moyɛ no saa a mɛyɛ ɔsaman twɛntwɛn Mabɛgyina kurotia asu dabiara Charles ei Merekrakra mo o, ebia na moahu me biom da, ah Ɛ'awerɛhoɔ o Hi-hii Theresa Manu a ɔfiri Sefwi Atobease Wakra ne Papa afiri abrokyiman mu sɛ ɔmmɛdi kyɛre bi ao, Thess ei Sɛɛ na ɛyɛ ne nkra a ɛtwa toɔ nie ei Paapa eh, 'na woanka ankyerɛ me yi Kwame Manu eh, woama asɛm aha me ao, ah Wo mma ɛne Naa Manu, ɛne Naa Akua Afriyie Maame Naa Ama Afrakoma se, Kwame ei na ɔne wodɔ yi nsae o, ah Nana Akosua Dufie se Kwame ei, woama no de atu ne ho ho fo sɛ Wiase yi sɛɛ dua mono nso bu ao, mmm Nti na ɔfiri nnɛ na ɔrekrakra mo o Abusuafoɔ ei na ɔrekrakra mo ao, boo-ei Kwame wuo nti, ebia na moanhu no biom da (Charles ei) Charles ei, meresu mama mo ao, boo-ei (whoa) Ah, me ne mo redi nkra nnɛ ao Yɔnko pa bi sene onua o Ɔse KB ei, mede m'akyi gya wo ao, sɛ mekɔ a Ah, me ne mo redi nkra nnɛ ao Ɔyɔnkopa bi sene onua o Agya Yaw ei mede m'akyi gya wo o Mampɔnii Ah, me ne mo redi nkra nnɛ ao Adomako Nyamekyɛ annwomtofoɔ ei Atta Adomako ei, mede m'akyi gya wo ao, sɛ mekɔ a Ah, me ne mo redi nkra nnɛ ao Senior Atta Domfeh ei Atta Domfeh ei, merebɔ wo din o, Daddy ɛnnɛ yi se, oh Ah, me ne mo redi nkra nnɛ ao Owura Joe Appiah ei Joe Kissi ei, mede m'akyi gya wo ao, sɛ mekɔ a, ah Ah, me ne mo redi nkra nnɛ ao Amaadi Yaw ei, medɔfo yi, mede m'akyi gya wo ao, sɛ mekɔ a, ei Ah, me ne mo redi nkra nnɛ ao
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out