Lyrics

Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔwɔ nkwa Onipa hia mmoa Onipa hia mmoa oh oh Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔwɔ nkwa Onipa hia mmoa Yehia mmoa oh oh Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo Ɔboafoɔ yɛna oo Ɔboafoɔ yɛna oo Nipa pii nyaa aboafoɔ wɔ abrabɔ ahyɛaseɛ a Nka wo duru akyirekyire Yɛwɔ mmoa bi a, yɛmmoa nipa nnɛ Yɛwɔ mmoa bi a, yɛmmoa nipa nnɛ Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo Ɔboafoɔ yɛna oo Ɔboafoɔ yɛna oo Nipa bebree nyaa aboafoɔ wɔ abrabɔ ahyɛaseɛ a Nka wo duru akyirekyire Nipa hia mmoa oo, onipa hia mmoa oo Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔwɔ nkwa Onipa hia mmoa Onipa hia mmoa oh oh Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔwɔ nkwa Onipa hia mmoa Ohia mmoa oh oh Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo Odan firifiri nna fɔm Dea onya boafoɔ tumi gyina brane Wiase yi boafo papa ne Nyankopɔn Nanso Nyame bɛboa nipa a, ɔde fa nipa so Nipa hia mmoa o, onipa hia mmoa o Yɛmmoa nipa wɔ mmerɛ a ɔtease oo Nipa bi ho yɛ ahomete o Nipa bi nni nkaeɛ koraa Papa yɔ de nipa bi akɔ amaneɛ mu Ama afoforɔ bi kra akoto afa adɔyɛ ho Nanso Nyame asɛm kyerɛ yɛn sɛ Mma yennyae papayɛ da oo Papa biara a yɛyɔ no nnɛ no Bue kwan to hɔ ma yɛn ne y'asefoɔ daakye Sɛ Onyame ma wo bi a Ɛnyɛ wo nko ara yɛfunu ntia o Sɛ akwanya ba ma wo a Boa afoforɔ a wohia mmoa Sɛ Onyame ma wo bi a Ɛnyɛ wo nko ara yɛfunu ntia o Sɛ akwanya ba ma wo a Boa afoforɔ a wohia mmoa Onipa hia mmoa oo Onipa hia mmoa oo Yɛwɔ sika a, yɛnfa mmoa ateasefoɔ Na obi nnim awieeɛ o Yɛwɔ adagyeɛ, yɛnnya mma ateasefoɔ Na obi nnim daakye asɛm Onipa wu a, ɔnnte n'akyire asɛm Dea aka yɛ ɔne ne Nyame ntam asɛm Nti wo wɔ mmoa bia, boa me nnɛ Boa me wɔ mmerɛ a metease oo Sɛ wo wɔ biribi ma me a, ma me nnɛ oo Nnɛ yi ara na mehia wo mmoa oo Ntwen ma me nwu nkɔ ansa Ɔkyena bi menso mɛyɛ nipa oo Nnɛ yi ara na mehia wo mmoa oo Sɛ woboa me a Ɔkyena bi menso mɛyɛ nipa
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out