Music Video

Patience Nyarko - Eboboba - Official Video
Watch {trackName} music video by {artistName}

Credits

PERFORMING ARTISTS
Patience Nyarko
Patience Nyarko
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Patience Nyarko
Patience Nyarko
Songwriter

Lyrics

Ɛrebobɔba, bɔnefoɔ awieeɛ ɛrebobɔba Ɛrebobɔba, sika a woregye yi ɛrebobɔba o Ɛrebobɔba, aborɔ a worebɔ yi ɛrebobɔba Ɛrebobɔba, 'bayigorɔ a woregoro yi ɛrebobɔba Ɛfiri nyame a ɛbɛgyina o Ɛmfiri Nyame nso a yɛrehwɛ (Nyame ba yɛ kommm) Ɛfiri Nyame a ɛbɛgyina o Ɛmfiri Nyame nso a yɛrehwɛ, hwɛ (Wo deɛ yɛ dinn) Onyame na ɔka onnibie asɛm (ɔka) Na ɔdi onnibie asɛm (ɔdi) hwɛ (Wo deɛ yɛ kommm) Wo deɛ kɔ so ara na bɔ mpaeɛ o (ɔka o) hey Bɔ mpaeɛ o (ɔdi) ka w'asɛm nyinaa (wo deɛ) kyerɛ (yɛ dinn) ɔno ara Ɛrebobɔba, ayaresa a worepɛ yi, ɛrebobɔba Ɛrebobɔba, awoɔ a worepɛ yi, ɛrebobɔba o Ɛrebobɔba, nhyira a worepere, nam kwan so, hwɛ! Ɛrebobɔba, wo mpaebɔ nyiano ɛrebobɔba Eh, w'animuonyam no ɛ (ɛrebobɔba) Awoɔ a worehwehwɛ no eh (ɛrebobɔba) W'adesrɛdeɛ no (wo deɛ) nam kwan so eh (yɛ kommm) Oh, awarepa o, ei (ɛrebobɔba) W'animuonyam o, ei (ɛrebobɔba) W'akomaso adeɛ no (wo deɛ) nam (yɛ dinn) kwan so, reba o Ɛnhwɛ obi yieyɛ a wayɛ o Na mfa mmɔ Onyame soboɔ da (Ɛkaa kitikitikiti nka metɔɔ baha wɔ me nsɔhwɛ berɛ mu) Me ne me nua na ɛhyɛɛ ɔbra yi ase Yɛretwɛn Nyame anim sɛ ɔbɛboa yɛn Anni nnaanu, na anni nnansa o, ei (Menua yi ayɛ yie tam) Na adɛn? Ɛyɛɛ deɛn baa no sɛn? Na ɔsoro nyinaa atie no ntɛm yi? Me nua yi se meresɛe me mmerɛ, ah Sɛɛ watɔn ne kra ama ɔbonsam Afei ɔda a, ɔnna Fa wo ho bɔ Nyame na wo ho ntɔ wo, wo ho ntɔ wo o, hwɛ (Fa wo ho bɔ Nyame na wo ho ntɔ wo) (Fa wo ho bɔ Yesu na wo ho ntɔ wo) Yesu nkwagyeɛ wɔ hɔ ma, obi biara Ɛrebobɔba, kɛtaasehyɛ a woreyɛ yi, ɛrebobɔba Ɛrebobɔba, dwrimdi kankan yi, ɛrebobɔba Ɛrebobɔba, bribe a woregye yi, ɛrebobɔba o Ɛrebobɔba, yɛka a wonte yi, ɛrebobɔba (Ɛfiri Nyame a ɛbɛgyina o) Ɛmfiri Nyame nso a yɛrehwɛ (Nyameba yɛ kommm) Ɛfiri Nyame a ɛbɛgyina o Ɛmfiri Nyame nso a yɛrehwɛ, hwɛ (Wo deɛ yɛ dinn) Wo nso wo nhyira no reba o (ɛrebobɔba) W'aware pa no rebobɔba (ɛrebobɔba, wo deɛ yɛ kommm) Wo nso wo nhyira no reba o (ɛrebobɔba) Ɛrebobɔba, ɛrebobɔba, ɛrebobɔba (ɛrebobɔba, wo deɛ y3 dinn) (Ɛrebobɔba, ɛrebobɔba, wo deɛ yɛ kommm) Deɛ ɔtwɛn Awurade anim nya ahoɔden foforɔ (ɛrebobɔba) Ɔte sɛ ɔkɔdeɛ a ɔmmrɛ da o (ɛrebobɔba) Afei na me nso me nhyira berɛ aso o (wo deɛ yɛ dinn) me nua Afei na me nso m'aware pa berɛ aso (ɛrebobɔba) M'animuonyam berɛ aso o (ɛrebobɔba) Afei na me (wo) nso (deɛ) me (yɛ) nhyira (kommm) berɛ aso, ah Ao, yɛnkɔ ɛ (ɛrebobɔba, ɛrebobɔba, wo deɛ yɛ dinn)
Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out